Obia a obetu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, obenya dwanekͻbea pii ama no abuso wͻ asaase no so. Obi a obefri nefie sε ͻretu amantuo akͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ hͻ, na owuo bεto no no, ampa sε n’akatua abεda Nyankopͻn so. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.