Saa na Yεmaa (amanfoͻ) hunuu wͻn, sεdeε wͻbɛhunu sε, Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho. Kae εberε a (kuro no mu foͻ no) gyee akyinye wͻ wͻn nsεm no ho, wͻkaa sε: “Monsi dan nsi wͻn so“. Wͻn Wura Nyankopͻn Nim wͻn yie. (Enti) wͻn a wͻdii nkonim wͻ wͻn asεm no mu no kaa sε: “Yɛbɛsi (Masjid) Nyamedan asi wͻn so”.