Ɔno na W’ayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, εna W’apagya mo mu binom akyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε adeε a Ɔde ama mo no Ɔde bεsͻ mo ahwε. Nokorε sε wo Wura Nyanko-pͻn ho yε hare wͻ asotwee ho, na nokorε nso sε ampa, Ɔne Bͻnefakyε Hene na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.