Ingia
Ingia
Ingia
Chagua Lugha

Az-Zukhruf 43:72 وتلك الجنة التي اورثتموها بما كنتم تعملون ٧٢

Ukurasa 494 · Juzuu 25

وَتِلۡكَ
ٱلۡجَنَّةُ
ٱلَّتِيٓ
أُورِثۡتُمُوهَا
بِمَا
كُنتُمۡ
تَعۡمَلُونَ
٧٢
Wei ne Soro aheman no a εnam dwumadie a modiiε no ho nti yεbεma mo adi adeε wͻ mu no.
reading-goal:continue-reading

Soma q-and-a.tafsir

Ibn Kathir (Abridged)

The Resurrection will come suddenly, and Enmity will arise between close Friends among the Disbeliev

Allah says, `do these idolaters who disbelieve in the Messengers wait'

إِلاَّ السَّاعَةَ أَن تَأْتِيَهُمْ بَغْتَةً وَهُمْ لاَ يَشْعُرُونَ

(only for the Hour that it shall come upon them suddenly while t

…

The Resurrection will come suddenly, and Enmity will arise between close Friends among the Disbeliev

Allah says, `do these idolaters who disbelieve in

…
Tazama tafsirs

Soma related-content

68. (Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Menkoa, suro biara nnihͻ dema mo Ɛnnε da yi, na mowerε nso nho. 69. (Menkoa no a) na wͻgye Yεn Nsεm no die a na wͻyε Muslimifoͻ, brε wɔn ho aseε no. 70. “Mone moyerenom monfa anigyeε nwura Soro aheman no mu. 71. Sika nyowa ne nkuruwa bɛtwa wͻn ho ahyia; ͻkra akͻnnͻdeε ne deε εyε anii fε biara bi wͻ mu; na emu na mobεtena afe bͻͻ. 72. Wei ne Soro aheman no a εnam dwumadie a modiiε no ho nti yεbεma mo adi adeε wͻ mu no. 73. Mowͻ nnuaba pii wᴐ mu, na emu na mobɛdidie. 74. Nokorε sε abͻneεfoͻ no bεtena Amanehunu gya asotwee mu. 75. Yεngo (asotwee no) mu mma wͻn koraa, na emu na wͻbɛnya abamu buo. 76. Ɛnyε Yεn na Yɛdii wͻn amim, na mmom na wͻyε abͻneεfoͻ. 77. Wͻbɛsu (afrε ͻbͻfoͻ a ͻhwε Egya no soͻ no sε): “Maalik, Mawo Wura Nyankopͻn nku yεn prεko.” (Maalik) bεka akyerε wͻn sε: “Mobεtena mu afe bͻͻ. 78. Ampa sε Yεde Nokorε no abrε mo, nanso mo mu pii kyiri Nokorε no. 79. Anaasε (Qurashfoͻ), moabͻ (Me Nkͻmhyεni no ho) pͻ bͻne bi anaa? Ɛneε Yεn nso Yɛafa adwen. 80. Anaasε (abͻneεfoͻ no) dwen sε Yεnte wͻn nsumaeε mu ne wͻn kokoa mu agyinatuo no mu nsεm anaa? Daabi, Y’asomafoͻ wͻ wͻn hͻ a wͻretwerε (biribiara). 81. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε Ahummͻborͻ Hene no wͻ ba a, εneε me ne asomfoͻ no nea odi kan”. 82. Kronkron Hene ne ͻsoro ne asaase Wura Nyankopͻn, Tumi Ahennwa Wura no Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻde susu no no. 83. Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn ma wͻnkeka nsεm hunu na wͻnni agorɔ nkosi sε wͻbɛhyia wͻn Da no a yɛahyε wͻn ho bͻ no. 84. Ɔno ne Nyankopͻn wͻ soro, na Ɔno ara nso ne Nyankopͻn wͻ asaase so, na Ɔne Onyansafoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no. 85. Nhyira ne Nea ͻsoro ne asaase so, ne deε εwͻ mfimfii (nyinaa) ahennie wͻ no no, na Ne hͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ; na Ne hͻ na mobεsan akͻ. 86. Wͻn a wͻfiri N’akyi su frε wͻn no nni ntwitwagyeε ho tumi, na mmom gyesε wͻn a wͻdi Nokorε no ho adanseε no, na wͻnim (sɛ Nyankopɔn yɛ baako ampa). 87. Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na Ɔbͻͻ wͻn a, wͻbεka sε: “Nyankopͻn”. Adεn na afei wͻretwe wͻn ho (firi Nokorε no ho)? 88. (Nkͻmhyεni) suu nesε: “Me Wura Nyankopͻn, weinom yε nkorͻfoͻ a wͻnnye nnie; 89. (Nkͻmhyεni), Dane woho firi wͻn ho na ka sε: “Asomdwoeɛ.” Na εnkyε wͻbɛhu (nokorɛ a ɛwɔ mu biara).

- Akan Translation (Asante) - Harun Ismail

reading-goal:continue-reading

Maelezo na Tafakari

reflection-not-available

Notes placeholders

Endelea Kuungana na Qur'ani ❤️

Vikumbusho vifupi vyenye maana vinavyoweka upya maisha yako, kukusaidia kutafakari na kuendelea kushikamana na Qur'ani.

Soma, Sikiliza, Tafuta, na Tafakari Qur'ani

Quran.com ni jukwaa linaloaminika na linalotumiwa na mamilioni duniani kote kusoma, kutafuta, kusikiliza na kutafakari kuhusu Qur'ani katika lugha tofauti. Inatoa huduma za tarjuma, tafsiri, vikariri, tarjuma ya neno kwa neno, na zana za ufahamu wa kina, kuifanya Qur'ani ipatikane na kila mtu.

Kama mbinu ya Sadaqah Jariyah, Quran.com imejitolea kusaidia watu kuunganishwa kwa kina na Qur'ani. Ikiungwa mkono na Quran.Foundation , shirika lisilo la faida la 501(c)(3), Quran.com inaendelea kukua kama rasilimali ya bila malipo na yenye thamani kwa wote, Alhamdulillah.

Chunguza
Nyumbani
Redio ya Qur'ani
Wasomaji
Kutuhusu
Watengenezaji
Sasisho za Bidhaa
Maoni
Msaada
Changia
Miradi Yetu
Quran.com
Quran For Android
Quran iOS
QuranReflect.com
Quran.AI
Sunnah.com
Nuqayah.com
Legacy.Quran.com
Corpus.Quran.com
Miradi isiyo ya faida inayomilikiwa, kusimamiwa, au kufadhiliwa na Quran.Foundation
Viungo Maarufu
Dua kutoka Quran
Aya ya Quran ya Siku
Ayatul Kursi
Yaseen
Al Mulk
Ar-Rahman
Al Waqi'ah
Al Kahf
Al Muzzammil
Ramani ya tovutiFaraghaSheria na Masharti
© 2026 Quran.com. Haki Zote Zimehifadhiwa
Changia