Log masuk
Log masuk
Log masuk
Pilih Bahasa

Asy-Syu'araa' 26:84 واجعل لي لسان صدق في الاخرين ٨٤

Halaman 371 · Juz 19

وَٱجۡعَل
لِّي
لِسَانَ
صِدۡقٖ
فِي
ٱلۡأٓخِرِينَ
٨٤
Na ma nkyirimma no mmͻ me din pa.
Teruskan Membaca

Baca Tafsir

Ibn Kathir (Abridged)

The Prayer of Ibrahim for Himself and for His Father

Here Ibrahim, upon him be peace, asks his Lord to give him Hukm. Ibn `Abbas said, "This is knowledge."

وَأَلْحِقْنِى بِالصَّلِحِينَ

(and join me with the righteous.) means, `make me one of the righteous in this world and the Hereafter.' This is like

…

The Prayer of Ibrahim for Himself and for His Father

Here Ibrahim, upon him be peace, asks his Lord to give him Hukm. Ibn `Abbas said, "This is knowled

…
Lihat Tafsir

Baca dalam Konteks

69. Kenkan Abraham nso ho asεm no kyerε wͻn. 70. Ɛberε a ͻka kyerεε ne papa ne ne nkorͻfoͻ no sε: “Ԑdeεn na moresom yi?” 71. Wͻkaa sε: “Yεsom abosom, na yεbεkͻso de yεn ho ama wͻn”. 72. (Abraham) kaa sε: ”Enti sε mosufrε wͻn a wͻtie mo?” 73. Anaasε monya wͻn ho mfasoͻ anaasε ͻhaw bi?” 74. Wͻkaa sε: “Daabi, nanso yεbεtoo y’agyanom sε saa ara na na wͻreyε”. 75. (Abraham) kaa sε: “ Enti moahunu deε mosom- 76. Mo ne mo agyanom tetefoͻ no? 77. Nokorε sε, wͻyε m’atamfo, gyesε Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no, 78. (Abͻdeε nyinaa Wura) no a Ɔbͻͻ me, Ɔno na ͻkyerε me kwan. 79. Ɔno na Ɔma me aduane die, na Ɔma me nsuo nom; 80. Sε meyare a Ɔno na Ɔsa me yadeε, 81. Ɔno na Ɔbεma me awuo na afei Wasan anyane me (afri owuo mu). 82. Ɔno na me wͻ anidaasoͻ sε Ɔde me mfomsoͻ bεkyε me wͻ Akatua da no mu. 83. Me Wura Nyankopͻn, ma me nyansa, adwen ne nteaseε, na fa me ka apapafoͻ no ho. 84. Na ma nkyirimma no mmͻ me din pa. 85. Na fa me ka wͻn a wͻbɛdi adeε wͻ anigyeε Aheman no mu no ho. 86. Na fa m’agya bͻne kyε no, nokorε sε ͻka ayerafoͻ no ho. 87. Na engu m’anim ase wͻ Wusͻreε da, 88. Ɛda no a sika anaa ahonyadeԑ ne mma ho mma mfasoͻ no, 89. Gyesε obia ͻde akoma pa, anaa akoma a emu teε bεba Nyankopͻn hͻ no, 90. Na yεde Aheman no bεbεn Nyamesurofoͻ no, 91. Na yεbɛyi Amanehunu gya no adi akyerε ayerafoͻ no -; 92. Yԑbԑka akyerε wͻn sε: “Deε na mosom no wͻ hen? 93. (Deε na mo) fri Nyankopͻn akyi (som wͻn no)? Wͻbetumi aboa mo, anaasε wͻbetumi aboa wͻn ara wͻn ho?” 94. Na yεbεto wͻn (abosom) no ne ayerafoͻ no ama wͻde wͻn ti adikan akͻ (Ogya no) mu- 95. Ne ͻbonsam asafo no nyinaa. 96. Ɛberε a wͻbεko wͻ (Ogya no) mu no wͻbεka sε: 97. “Yεdͻ Nyame sε, na yεwͻ ͻyera pefee mu; 98. Ɛberε a yεde mo totoo Abͻdeε nyinaa Wura no ho no. 99. Ɛnyε obi na ɔyeraa yɛn, na mmom abͻneεfoͻ no ara na wͻmaa yεyeraeε. 100. Enti seesei yɛnni otwitwagyefoͻ biara, 101. Anaa yͻnkoͻ brεboͻ. 102. Sε yεrenya kwan asan akͻ y’akyi (wͻ wiase) bio a, anka yεbεka agyidiefoͻ no ho. 103. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni. 104. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.

- Akan Translation (Asante) - Harun Ismail

Teruskan Membaca

Nota dan Refleksi

Anda tidak mempunyai sebarang nota atau renungan tentang ayat ini.

Notes placeholders

Kekal Terhubung dengan Al-Quran ❤️

Peringatan ringkas yang bermakna untuk menetapkan semula, merenung dan kekal terhubung dengan al-Quran.

Baca, Dengar, Cari, dan Renungkan Al-Quran

Quran.com ialah platform dipercayai yang digunakan oleh berjuta-juta orang di seluruh dunia untuk membaca, mencari, mendengar dan merenung Al-Quran dalam pelbagai bahasa. Ia menyediakan terjemahan, tafsir, bacaan, terjemahan perkataan demi perkataan, dan alat untuk kajian yang lebih mendalam, menjadikan al-Quran boleh diakses oleh semua orang.

Sebagai Sadaqah Jariyah, Quran.com berdedikasi untuk membantu orang ramai berhubung secara mendalam dengan al-Quran. Disokong oleh Quran.Foundation , sebuah organisasi bukan untung 501(c)(3), Quran.com terus berkembang sebagai sumber percuma dan berharga untuk semua, Alhamdulillah.

Navigasi
Halaman Utama
Radio Al-Quran
Qari
Tentang Kami
Pemaju (Developers)
Kemas kini produk
Maklum balas
Bantuan
Derma
Projek Kami
Quran.com
Quran For Android
Quran iOS
QuranReflect.com
Quran.AI
Sunnah.com
Nuqayah.com
Legacy.Quran.com
Corpus.Quran.com
Projek tanpa untung yang dimiliki, diurus atau ditaja oleh Quran.Foundation
Pautan yang di gemari
Doa-doa daripada Al-Quran
Ayat Al-Quran Hari Ini
Ayatul Kursi
Surah Yaseen
Surah Al Mulk
Surah Ar-Rahman
Surah Al Waqi'ah
Surah Al Kahf
Surah Al Muzzammil
Peta lamanPrivasiTerma dan Syarat
© 2026 Quran.com. Hak cipta terpelihara
Sumbangan